Twi No. NG3
B're Bεn Na Ade Bεkye
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Menim sɛ da bi ade bɛkye, 'Fisɛ 'sum nni Nyame mma so tumi; Yehowa no ara pɛ mu na, 'Sum Duru Ne mma' Nanso ɛyɛ b're tiaa mu Adesua kɛse.
Chorus
B're bɛn na 'de bɛkye 'Sum akyi na 'de bɛkye Sɛ 'sum duru yɛn twam Na mununkum si a Yɛnim sɛ hann wɔ Mununkum akyi.
Verse 2
'Sum mu honam aniwa nhu hwee, Nanso gyidi aniwa hu Nyame yie; Ne hann no yi Ne ho adi, 'Sum kɛse biara mu; Ma Ne mma a wɔtie No Yɛ N'apɛde nyinaa.
Verse 3
Yehowa, ma me gyidi aniwa, Ma menhu Wo 'sum kɛse b're mu mpo; Ma me honhom a mɛtumi De atwɛn Wo nkwagye; De atwɛn Wo nkwagye; Na manya Wo hɔ ade Pa b're pa mu.