Twi No. NG4
Soε Me
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Kanaan kwan so fa yɛ den, Akwanside pii wɔ mu; Adesoa biara ma 'hok'rɛ, Enti soɛm' adesoa yi.
Chorus
Soɛ me Agyenkwa soɛ me (Bɔne adsoam' yɛ d'ru) Bɔne adesoa bi so me Mɛyɛ dɛn mafa kwan yi so.
Verse 2
Honam nnwuma mu yɛ d'ru, 'Hoɔyaa, 'bufu ne ɔtan; Nea 'ka ho nyinaa ara so me, Dom me soɛm' adesua yi.
Verse 3
'Werɛhosɛm bi nto 'yi, Wobɛka sɛ Wonni me; 'Fisɛ me nnwuma wɔ nnipa anim, Na metɔ sin honhom mu.
Verse 4
Menni kwati kwan biara a, Mede bɛba Wo nkyɛn hɔ; Gye sɛ mefa kwan hiaa yi so, Nanso gye sɛ Wodom me.