Twi No. NG5
Gya Me Kwan Dwoo
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Me b'rɛ so' a ma menkɔda komm, Na mentwɛm Wo bɔ hyɛ no; Sɛ m'abrabɔ nyinaa to twa a Aw'rade, gya me kwan dwoo.</h2>Nnyeso: Gya me kwan dwoo, gya me kwan dwoo, Me b'rɛ so a gya me kwan Yi me f'ri yaredahɔ mu B'rɛ so' a ma me nkɔda komm.
Verse 2
Me b'rɛ so' a ma menkɔda komm Nyame' a Wonim m'awieeɛ, Wo nko na Wonim me nkwa nna 'Fisɛ me kwan hyɛ Wo nsa.
Verse 3
M'awoda yɛ bɔne ma me, Ayɛ sum ne aw'rɛho, Wiase asetena afon' me, Nanso me hwɛ Wo ara.
Verse 4
Ɔbrɛguo deɛ, ma ɛmpare me, Kora me anidaso mu, Adekyeeɛ fɛfɛ no mu Nyan me W'anuonyam mu bi.