Twi No. NG6
Nyame, W'akwan dɔɔso
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nyame, W'akwan dɔɔso, 'Dasani biara nhu mu yie, Nyame, Wo nnwuma yɛ hu, ɛhia gyidi nko; ɛyɛ den ma ɔdasani, Sɛ ɔbɛhu W'akwan nyinaa mu; Agya, nea mesrɛ Wo ne sɛ, Ma mennɔ Wo nkutoo.
Chorus
Hena na ɔte sɛ Wo (Nyame)? Hena na ɔte sɛ Wo (Nyame)? Wo na Woka na Woyɛ, Obiara nte sɛ Wo.
Verse 2
Ɔs'ro ka W'anuonyam, Na ewim ky'rɛ Wo nsa~ano adwuma Wiase nyinaa wɔ Wo, ɛyɛ Wo nko de. Hena na ɔne Wo p're adeɛ? Hena na ɔne Wo di asie? ɛyɛ Wo Nyame nkutoo dea, ɛyɛ Wo de daa daa.
Verse 3
Obi nkyɛn Wo Nyame, Hena na ɔnsuro Wo tumidi? Aman nyinaa bɔ b'rim, Sɛ wɔte Wo nne a; Wo nne ma nifrafo hu ade. Mpakye mpo tumi nante ɛnam Wo tumi kɛse nti Hena na ɔnsuro Wo?
Verse 4
Yɛtee Wo nne akyɛ, Yɛtee bi wɔ Sinai bepɔ so; Suro nti yɛantumi Ne Wo ankasa ankyɛ; Wo nne maa agyanom ho popoe Nketenkete kitaa wɔn Sɛ yɛansuro Wo nne yi a Yɛn ho bɛpo daakye.