Twi No. NG7
De Bכnyεni A כte Sε Me
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Debɔn 'yɛni a ɔte sɛ me Nanso Agya no dɔ me; Sɛ Nyame mekae Wo dɔ yi a, Na m'ani awu me tirim. O Awurade sakra me, Na ma menyɛ nea Wopɛ. Sakra me, sakra me, Na menyɛ Wo de daa.
Chorus
Agya fa me, Agya fa me, Fa me fra Wo de mu; Sesa me Awurade, Sesa me Awurade, Mo menyɛ foforɔ
Verse 2
Mɛdi ahurisi Wo din ho, Na mani gye W'adɔe ho; Mene hwan Awurade, mete ase Wɔ saa ahokyere yi mu; Wo nsam na me honhom hyɛ, Menni guankɔbea biara; Te W'anim kyerɛ W'akoa, Fa W'adɔe gye me nkwa.
Verse 3
Awurde, mma m'anim ngu ase, Bre a meda so twere Wo; Nhwɛ m'amumuyɛ,Awurade Ntua me so ka; Mentumi nnyina W'abufuo ano Mentumi ne Wo nni ako Awurade, Awurade W'akyi obi nni hɔ
Verse 4
Mɛto Awurade adɔe ho nnwom, Mɛyi Ne din akyerɛ aman; Memma Ne din nyɛm' aniwu, Mɛbɔ no b're a ɛsɛ mu Menim sɛ Nyame bɛ tie me Na Wayɛ nsɛnhia ama me Me Wura tie, me Wura tie, Wo mma teateam frɛ wo.