Twi No. NG8
Onipa Tiafo
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Dɛn na Menyɛ wo onipa? Mmoadoma mpo Mehwɛ wɔnso, Anka wo a Mebɔɔ wo Me nsɛ so, Dɛn nti na biribi hia wo?
Chorus
Onipa tiafo, woabɔ Me so ko; Onipa, Menyɛ wo dɛn? Nyame na Ɔse, wo de Gye Me di, Onipa kae Me ɛ
Verse 2
Dɛn na Menka nky'rɛ dasani, Mebɔɔ wo, na Mesan gyee wo; Womma eyi mpo nsom wo bo, Nanso wotan wo Bɔfoɛ
Verse 3
Wiase yi nni wɔ wo ne Me, Ɔdɔ nti na Mebɔɔ wo; Meremma no sɛ Oguamma bio, Mɛba no anibere so.
Verse 4
Metoo asase yi fapem, Onipa, na wowɔ he? Mebɔɔ nnua ne nsuo no Na woyɛ dɔte mu dɔte.
Verse 5
Mabrɛ wo dodo, onipa Medi wo ho abooboo Meka no Me koma mu sɛ, Manu Me ho sɛ Mebɔɔ wo.
Verse 6
Nanso Medɔ wo onipa, Wo wuo nyɛ Me fɛ; Wotie Me nne a Mɛgye wo, Mɛyɛ wo awaawaatuu.