Twi No. NG9
Ɛname Ne Honhom So
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Wo honhom Wo(Nyame Honhom na yehia Nyame honhom Kronkron no. Wo honhom, Wo (Nyame) Honhom yɛsrɛW' Ma W'honhom no mmɛhyɛ yɛn ma. Wo honhom no mmɛhyɛ yɛn ma. Wo honhom no n'ɛbɛboa ma yɛahu Yesu yie;
Verse 2
Wo honhom no n'ɛbɛboa ma yɛadi W'ahyɛde so, Ɔkwankyerɛfo, Ɔkwankyerɛfo, Okyigyinafo no wɔ he Akwantuo yi mu hia Wo honhom no yie.
Verse 3
Wo honhom Wo (Nyame) Honhom Nyame mu Asetra nti yehia no. Wo honhom, Wo (Nyame) Honhom, wiase Nsɛmma nsɛmma nti yehia Wo. Wo honhom no n'ɛbɛboa ma Yɛanya abrabɔ pa
Verse 4
Wo honhom, Wo (Nyame) Honhom n'ɛbɛhyɛ Yɛn den ɔbra kwantu'i mu Wo honhom, Wo (Nyame) honhom N'ɛbɛkanyan yɛn, yɛn Nyamesom mu, Wo honhom no n'ɛbɛka yɛn ama Yɛasom Wo daa; ɛnyɛ 'hoɔden so, ɛnyɛ tumi so, n;'ɛbɛma yɛadi nkonim, Wo honhom so Awurade Honhom Kronkron no.