Twi No. NG13
Mehwε Nyame
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
O m'abrabɔ mu nsɛm yɛ Awerɛho Nanso Onyame nti mempa aba; Nea ɛbɛsi biara mepɛ Menim sɛ b're pa bɛba.
Chorus
Mehwɛ Nyame, mehwɛ Nyame, Mɛsu mafrɛ me Nyame daa nyinaa; Mɛgyina pintinn, mempa ab da; Ɔbrɛ biara akyi wɔ 'home.
Verse 2
Sɛ esum duru me kwan mu, Na mede me ti pempem; B're' a m'anidaso nyinaa asa'a, Mede bɛhyɛ Nyame nsa
Verse 3
Sɛ akwantu yi mu yɛ den mpo, Na menni werɛ kyekyefo a, B're a awɔse bɔne akye me no, Onyame bɛhyɛ me den
Verse 4
Awerɛho ne su yi to bɛtwa, Efisɛ Nyame bɛdi ama me; B're a meto m'ani a ɛnsia no Metoa Agyenkwa mpaebɔ mu.