Twi No. NG14
So Me Mu
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
M'Ayenkwa pa Yesu, Kae me m'akwantu yim', Menni 'wirɛkyekyefo bi Sɛ Wo nko b're a menam yi' ɔbra kwan yi so de, Me nko mentumi mfa so (sɔ me mu)
Chorus
O, sɔ me mu (den), O sɔ me mu. Gyegye me taataa kɔd'ru fie dwoo' Agyenkwa sɔ me mu den, (Sɛ Wogyae me mu a) Me boafo asa.
Verse 2
Mɛhwɛ m'anim ara, Mɛkɔ m'anim tee; Nea mesrɛ Wo ne sɛ, Ma menn'ru 'kwantu yi awiei, Anka mɛda W'ase Akamfo Wo din kronkron.
Verse 3
Menim, Woka me ho, Me bo rentu da; Sɛ 'bonsam de haw ny'naa Ba me so a me bo rentu da; Me mpaebɔ ara ne sɛ: Nyame, ma ɛnsi me yie.
Verse 4
M'aw'rɛkyekye Nyame, Me Hann ne me Nkwagye; Mesrɛ Wo Agya pa, Hyerɛn di m'anim kyerɛ me kwan, Nea menam biara no, Mesrɛ, Agya, di m'anim kan.
Verse 5
Atamfo ani hwɛ, As'refo repɛ as're; Fɛwdifo nso retwɛn, Nanso menim sɛ wɔbɛfɛre; 'Fisɛ menim sɛ me Dimafo Nyame te ase daa.
Verse 6
Sɛ m'akwantu yi Bɛsi me yie a, Sɛ mede nkonimdi Bɛkɔ fie a ne nyinaa firi Wo; Ao me Nkwagye Nyame Kae me ma ɛnsi me yie