Twi No. NG16
Meyi Me Gyefo Ayε
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Mɛyi me gyefo ayɛ, Monnyae me o Mma mensɛpɛ me ho, mento Dwom nyi Nyame ayɛ o. Mede sanku, nnawuta; mɛkanfo No o; Menim nea menya wɔ Ne mu, Monnyae me o.
Chorus
Mɛto dwom!, mɛto dwom ayi me Nyame ayɛ daa; Mɛto dwom!, mɛto dwom ada me Nyame ase daa; Menim nea menya wɔ Ne mu, Monnyae me o.
Verse 2
Mɛto me dɔfo ho dwon, monnyae me o; Jessus din, mɛbɔ ama amansan Ate o. Mede sanku, nnawuta; mɛkanfo No o; Menim nea menya wɔ Ne mu, Monnyae me o.
Verse 3
Mɛda me Bɔfo ase, monnyae me o Mma mensɛpɛ me ho, mento dwom nna Nyame ase o. Mede mpaebɔ, abot'rɛ; mɛsom No o; Menim nea menya wɔ Ne mu Monnyae me o.