Twi No. NG17
Agya Bεhwe
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Agya bɛhwɛ, Agya bɛka, Me Nyame bɛdi ama me o; Nyame a Ɔntɔ nko, Ɔnna Dabiara da o; Agya bɛhwɛ, Agya bɛka, Me Nyame bɛdi ama me o; Metwere No a,metwere ɔbotan M'anim ngu ase ara da o.
Chorus
Sɛ asɛm bi to me a; Me Nyame bɛdi ama me o; Sɛ ɔko ba me so a, Me Nyame bɛko agye me o. Ɔbɛka ama me, Ɔbɛdi ama me, Ɔbɛko agye me nti mensuro hwee. Agya bɛhwɛ, Agya bɛka, Me Nyame bɛdi ama me o Metwere No a, metwere ɔbotan M'anim ngu ase ara da o.
Verse 2
Nyame no ara, me bɔfo no, Yehowa wɔ hɔ ma me o Me dɔfo Yesu, Ɔmpa m'akyi ara da o Nyame no ara, me bɔfo no Yehowa wɔ hɔ ma me o Ɔnim me fi y'afun' mu Ansa na wɔ woo me o.